-
2 Beresosɛm 25:15, 16Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
15 Ɛno nti Yehowa bo fuw Amasia denneennen, na ɔsomaa odiyifo bi kɔɔ ne nkyɛn kɔka kyerɛɛ no sɛ: “Dɛn nti na woakodi nkurɔfo no anyame akyi, anyame a wɔantumi annye wɔn ankasa nkurɔfo amfi wo nsam?”+ 16 N’ano ansi na ɔhene no ka kyerɛɛ no sɛ: “Wo na yɛapaw wo sɛ ɔhene fotufo anaa?+ Twa so!+ Dɛn nti na worebɛyɛ ama wɔakum wo?” Ɛnna odiyifo no twaa so, nanso ɔkae sɛ: “Minim sɛ Onyankopɔn abɔ ne tirim sɛ ɔbɛsɛe wo, enti na woayɛ eyi na m’afotu nso woantie no.”+
-