-
Deuteronomium 31:10-12Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
10 Mose ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mfe ason biara, bere a wɔde ɛka kyɛ no,+ sɛ edu Apata* Afahyɛ no so a,+ 11 Israel nyinaa bɛba Yehowa mo Nyankopɔn anim+ wɔ baabi a ɔbɛkyerɛ, na moakan Mmara yi akyerɛ Israelfo nyinaa.+ 12 Mommoaboa ɔman no nyinaa ano,+ mmarima, mmea, mmofra, ne ahɔho a wɔwɔ mo nkurow* mu nyinaa, na wontie na wonsua Yehowa mo Nyankopɔn ho ade na wonsuro no, na wonni Mmara yi mu nsɛm nyinaa so.
-