15 Na ka kyerɛ Israelfo sɛ, ‘Obiara a ɔbɛdome ne Nyankopɔn no, wayɛ bɔne na obenya ne bɔne so akatua. 16 Enti nea waka Yehowa din ho abususɛm no, ɛsɛ sɛ wokum no.+ Ɛsɛ sɛ asafo no nyinaa siw no abo. Obiara a ɔbɛkasa atia dinkɛse no, ɔhɔho a wabɛsoɛ mo mu oo, kuromanni oo, wonkum no.