44 “Saa ahemfo no nna no mu no, ɔsoro Nyankopɔn no de ahenni bi bɛba.+ Wɔrensɛe saa ahenni no da,+ na ɛrenkodi ɔman foforo biara nsam.+ Ebebubu ahenni ahorow yi nyinaa asɛe no,+ na ɛno nko ara na ebegyina daa.+
26 Na nea odi nkonim na ɔyɛ me nnwuma kosi awiei no, mɛma no amanaman no so tumi,+27 sɛnea me nso minyaa tumi fii m’Agya hɔ no ara, na ɔde dade poma bedi nnipa no so*+ na wabubu wɔn asinasin te sɛ nhina.