12 Adɛn na ɛsɛ sɛ woma kwan ma Egyptfo ka sɛ, ‘Adwemmɔne na ɔde yii wɔn; na ɔpɛ sɛ okunkum wɔn wɔ bepɔw no so na ɔtɔre wɔn ase fi asaase so’?+ Ma wo bo nnwo na gyinae a woasi sɛ wobɛyɛ wo man bɔne no, san hwɛ no bio.*
15 Sɛ wukum nnipa yi nyinaa prɛko pɛ* a, aman a wɔate wo ho asɛm no bɛka sɛ: 16 ‘Yehowa antumi amfa ɔman yi ankɔ asaase a ɔkaa ntam sɛ ɔde bɛma wɔn no so, enti wakunkum wɔn wɔ sare no so.’+