-
Yeremia 33:8, 9Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
8 Medwira wɔn ho afi wɔn mfomso ne wɔn bɔne a wɔayɛ atia me no nyinaa ho,+ na mede wɔn mfomso ne wɔn bɔne a wɔayɛ atia me, ne wɔn mmarato a etia me nyinaa bɛkyɛ wɔn.+ 9 Na kurow yi din bɛma madi ahurusi, na ama wɔayi me ayɛ, na wɔahyɛ me anuonyam* wɔ aman a wɔbɛte papa a mayɛ wɔn no nyinaa anim.+ Na papa a mɛyɛ kurow no ne asomdwoe a mɛma anya nti,+ aman no besuro na wɔn ho apopo.’”+
-