-
Ester 6:11, 12Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
11 Enti Haman faa ataade ne ɔpɔnkɔ no, na ɔde ataade no hyɛɛ Mordekai,+ na ɔde no tenaa ɔpɔnkɔ no so faa kurow no mmɔnten so, na ɔka dii n’anim sɛ: “Sɛɛ na wɔyɛ ɔbarima a ɔhene pɛ sɛ ɔhyɛ no anuonyam!” 12 Eyi akyi no, Mordekai san kɔɔ ɔhene pon no ano. Haman de, ɔyɛɛ ntɛm kɔɔ ne fi. Ɔrekɔ nyinaa, na wakata ne ti redi awerɛhow.
-