Leviticus 18:5 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Munni m’ahyɛde ne m’atemmusɛm so. Obiara a ɔbɛyɛ saa no nam so benya nkwa.+ Mene Yehowa. Deuteronomium 5:16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 16 “‘Di wo papa ne wo maame ni,+ sɛnea Yehowa wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo no, na woanyin akyɛ na asi wo yiye* wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.+ Yesaia 55:3 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 3 Monyɛ aso na mommra me nkyɛn.+ Muntie, na mubenya* nkwa,Na sɛnea ɛte biara me ne mo bɛyɛ daa apam;+Ɛfa ɔdɔ a enni huammɔ a mehyɛɛ Dawid bɔ sɛ mɛda no adi akyerɛ no no ho. Saa bɔhyɛ no, sɛnea ɛte biara, ɛbɛba mu.*+ Yohane 12:50 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 50 Afei nso, minim sɛ nea wakyerɛ me* no ma daa nkwa.+ Enti nea meka biara, ɛyɛ nea Agya no aka akyerɛ me sɛ menka no ara.”+
16 “‘Di wo papa ne wo maame ni,+ sɛnea Yehowa wo Nyankopɔn aka akyerɛ wo no, na woanyin akyɛ na asi wo yiye* wɔ asaase a Yehowa wo Nyankopɔn de rema wo no so.+
3 Monyɛ aso na mommra me nkyɛn.+ Muntie, na mubenya* nkwa,Na sɛnea ɛte biara me ne mo bɛyɛ daa apam;+Ɛfa ɔdɔ a enni huammɔ a mehyɛɛ Dawid bɔ sɛ mɛda no adi akyerɛ no no ho. Saa bɔhyɛ no, sɛnea ɛte biara, ɛbɛba mu.*+
50 Afei nso, minim sɛ nea wakyerɛ me* no ma daa nkwa.+ Enti nea meka biara, ɛyɛ nea Agya no aka akyerɛ me sɛ menka no ara.”+