8 “Sɛ obi to nsa frɛ wo kɔ ayeforohyia apontow ase a, nkɔtena baabi a edi mu.+ Ebia na wato nsa afrɛ obi a odi mu sen wo. 9 Ɛba saa a, nea ɔtoo nsa frɛɛ mo no bɛba abɛka akyerɛ wo sɛ, ‘Sɔre ma onipa yi ntena ha.’ Afei wode aniwu befi hɔ akɔtena baabi a ɛba fam koraa.