15 Wɔrentumi mfa sika kɔkɔɔ amapa ntɔ,
Na wɔrentumi nkari dwetɛ mfa nsesa.+
16 Wɔrentumi mfa Ofir sika kɔkɔɔ ntɔ,+
Na abohene tuntum a ɛho yɛ na ne hoabo nso, wɔrentumi mfa ntɔ.
17 Wɔrentumi mfa sika kɔkɔɔ ne ahwehwɛ ntoto ho,
Na wɔrentumi mfa biribiara a wɔde sika kɔkɔɔ amapa ayɛ nsesa.+
18 Ɛpo mu abohene ne ahwehwɛbo mpo ne no nsɛ,+
Efisɛ nyansa kotoku ma bo yɛ den sen abohene kotoku ma.