Dwom 62:12 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 12 O Yehowa, ɔdɔ a enni huammɔ nso yɛ wo dea,+Na wo na wutua obiara ka sɛnea ne nnwuma te.+ Mateo 16:27 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 27 Onipa Ba no bɛba n’Agya anuonyam mu a n’abɔfo ka ne ho, na obetua obiara ka sɛnea ne nneyɛe te.+ Romafo 2:5, 6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 5 Nanso wo koma a ɛyɛ den na apirim no nti, woreboaboa abufuw ano aba wo so abufuw da no ne ɛda a Onyankopɔn beyi n’atemmu a ɛteɛ no adi no.+ 6 Na obetua obiara ka sɛnea ne nnwuma te:+
5 Nanso wo koma a ɛyɛ den na apirim no nti, woreboaboa abufuw ano aba wo so abufuw da no ne ɛda a Onyankopɔn beyi n’atemmu a ɛteɛ no adi no.+ 6 Na obetua obiara ka sɛnea ne nnwuma te:+