-
1 Samuel 15:13-15Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
13 Bere a akyiri yi Samuel koduu Saul nkyɛn no, Saul ka kyerɛɛ no sɛ: “Yehowa nhyira wo. Mayɛ nea Yehowa kae no.” 14 Ɛnna Samuel bisae sɛ: “Na dɛn ne nguan ne anantwi sũ a mete yi?”+ 15 Na Saul buae sɛ: “Wɔde fi Amalek na ɛbae, efisɛ asraafo no gyaw nguan ne anantwi no mu nea eye no* sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bɛbɔ afɔre ama Yehowa wo Nyankopɔn; nanso nea ɛkae no de, yɛasɛe ne nyinaa pasaa.”
-