-
2 Beresosɛm 36:11-13Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
11 Sedekia+ bedii hene no, na wadi mfe 21, na odii ade mfe 11 wɔ Yerusalem.+ 12 Ɔyɛɛ Yehowa, ne Nyankopɔn ani so bɔne. Wammrɛ ne ho ase amma odiyifo Yeremia+ a ɔnam Yehowa asɛm so kasae no. 13 Ɔhene Nebukadnesar+ a ɔma ɔkaa ntam wɔ Onyankopɔn din mu no nso, ɔtew no so atua; ɔkɔɔ so yɛɛ asoɔden* na ɔmaa ne koma yɛɛ den, na wansan amma Yehowa, Israel Nyankopɔn nkyɛn.
-