25 Afei nso, wɔkyeree Midian abirɛmpɔn baanu a wɔn din de Oreb ne Seeb. Na wokum Oreb wɔ Oreb botan+ so, ɛnna wokum Seeb wɔ Seeb amoa a wokyĩ nsã wom no ho. Wɔkɔɔ so taa Midianfo no,+ na wɔde Oreb ne Seeb ti brɛɛ Gideon wɔ Yordan mpɔtam hɔ.
21 Ɛnna Sebah ne Salmuna kae sɛ: “Sɛ obi yɛ ɔbarima a, n’ahoɔden na ɛkyerɛ.* Wo ara sɔre kum yɛn.” Enti Gideon sɔree, na okunkum Sebah ne Salmuna,+ na oyiyii agude a ɛte sɛ ɔsram a ɛdeda wɔn yoma kɔn mu no.