11 Nanso Mose bisaa nokware Nyankopɔn no sɛ: “Mene hena a merekɔ Farao anim sɛ merekoyi Israelfo afi Egypt?” 12 Ɛnna ɔkae sɛ: “Medi w’akyi,+ na nea ɛbɛkyerɛ sɛ me na masoma wo ni: Sɛ wunya de ɔman no fi Egypt ba a, mobɛsom nokware Nyankopɔn no wɔ bepɔw yi so.”+
9 Afei Awurade ka kyerɛɛ Paul wɔ anisoadehu mu anadwo sɛ: “Nsuro, kɔ so kasa, na nka w’ano ntom, 10 efisɛ meka wo ho,+ na obiara ntumi mfa ne nsa nka wo nyɛ wo bɔne biara; na mewɔ nnipa pii wɔ kurow yi mu.”