Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Deuteronomium 4:19
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 19 Sɛ woma w’ani so hwɛ soro na wuhu owia, ɔsram, ne nsoromma, kyerɛ sɛ, ɔsoro asafo nyinaa a, mma ɛnntwetwe wo mma wonnkɔsom wɔn.+ Yehowa wo Nyankopɔn de ama aman a wɔwɔ ɔsoro ase nyinaa.

  • 2 Ahene 17:16
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 Wogyaw Yehowa wɔn Nyankopɔn ahyɛde nyinaa, na wɔde dade yɛɛ nantwi mma ahoni* abien,+ wɔyɛɛ ɔbosom dua,*+ wɔkotow ɔsoro asafo nyinaa,+ na wɔsom Baal.+

  • 2 Ahene 21:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 21 Manase+ bedii hene no, na wadi mfe 12, na odii ade mfe 55 wɔ Yerusalem.+ Ne maame din de Hefsiba.

  • 2 Ahene 21:3
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Sorɔnsorɔmmea* a ne papa Hesekia bubui no,+ ɔsan sisii, na osisii afɔremuka maa Baal; osii ɔbosom dua*+ sɛnea Israel hene Ahab yɛe no;+ ɔkotow ɔsoro asafo nyinaa, na ɔsom wɔn.+

  • Yeremia 19:13
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 13 Na Yerusalem afi ne Yuda ahemfo afi ho begu fĩ te sɛ ɛha yi, Tofet,+ yiw, ɔdan biara a wɔbɔɔ afɔre wɔ atifi maa ɔsoro asafo nyinaa+ na wohwiee afɔrebɔ nsã wɔ hɔ maa anyame foforo no.’”+

  • Hesekiel 8:16
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 16 Enti ɔde me kɔɔ Yehowa fi adiwo a ɛwɔ mfinimfini hɔ no.+ Yehowa asɔrefi kwan ano, abrannaa no ne afɔremuka no ntam no, mihuu mmarima 25 a wɔn akyi kyerɛ Yehowa asɔrefi no na wɔn anim hwɛ apuei fam sɛ wɔrekotow owia wɔ apuei fam.+

  • Sefania 1:4, 5
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  4 “Mɛteɛ me nsa wɔ Yuda so,

      Ne Yerusalemfo nyinaa so,

      Na mɛpra Baal ho biribiara afi ha,+

      Na wɔrenkae akɔmfo* ne asɔfo no din bio.+

       5 Mɛpra wɔn a wɔkɔ adan atifi kɔkotow ɔsoro asafo no akɔ.+

      Na wɔn a wɔkotow Yehowa na wɔka no ntam,+

      A wotwa wɔn ho ka Malkam ntam no,+ mɛpra wɔn akɔ;

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena