18 Nea Yehowa aka ni:
“Hwɛ, mereboaboa Yakob ntamadan mufo a wɔakyere wɔn kɔ no ano,+
Na mehu ne ntamadan no mmɔbɔ.
Wɔbɛsan akyekye kurow no asi ne bepɔw no so,+
Na abantenten no bɛsan asi baabi a na esi no bio.
19 Na wɔbɛte aseda ne ɔserew wɔ wɔn mu.+
Mɛma wɔadɔɔso, na wɔrenyɛ kakraa bi;+
Mɛma wɔayɛ bebree,
Na wɔrenyɛ ketewaa bi.+