Dwom 79:4 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 4 Wɔn a wɔtete bɛn yɛn no, yɛn anim agu ase wɔ wɔn anim;+Wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no tweetwee yɛn di yɛn ho fɛw. Yeremia 24:9 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 9 Baabiara a mɛhwete wɔn akɔ no,+ mɛma wɔadan biribi a ɛyɛ hu ne abusude ama asaase so ahenni nyinaa,+ na mɛma wɔn anim agu ase, na wɔde wɔn bebu bɛ, na wɔahwɛ wɔn aserew, na wɔayɛ nnome.+ Kwadwom 2:15 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Wɔn a wotwam wɔ ɔkwan so nyinaa bɔ wɔn nsam gu wo so.+ Wɔtɛɛ wɔn anom*+ wosow wɔn ti gu Yerusalem babea no so, na wɔka sɛ: “Kurow a na wɔfrɛ no ‘Ahoɔfɛ a ewie pɛyɛ, asaase nyinaa anigye’ no, ɛno ni?”+ Kwadwom 3:61, 62 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 61 O Yehowa, woate wɔn adapaatwa, ɛpɔw a wɔabɔ wɔ me ho nyinaa;+62 Woate wɔn a wɔsɔre tia me no anom asɛm ne huhuhuhu a wɔyɛ wɔ me ho daa nyinaa no.
4 Wɔn a wɔtete bɛn yɛn no, yɛn anim agu ase wɔ wɔn anim;+Wɔn a wɔatwa yɛn ho ahyia no tweetwee yɛn di yɛn ho fɛw.
9 Baabiara a mɛhwete wɔn akɔ no,+ mɛma wɔadan biribi a ɛyɛ hu ne abusude ama asaase so ahenni nyinaa,+ na mɛma wɔn anim agu ase, na wɔde wɔn bebu bɛ, na wɔahwɛ wɔn aserew, na wɔayɛ nnome.+
15 Wɔn a wotwam wɔ ɔkwan so nyinaa bɔ wɔn nsam gu wo so.+ Wɔtɛɛ wɔn anom*+ wosow wɔn ti gu Yerusalem babea no so, na wɔka sɛ: “Kurow a na wɔfrɛ no ‘Ahoɔfɛ a ewie pɛyɛ, asaase nyinaa anigye’ no, ɛno ni?”+
61 O Yehowa, woate wɔn adapaatwa, ɛpɔw a wɔabɔ wɔ me ho nyinaa;+62 Woate wɔn a wɔsɔre tia me no anom asɛm ne huhuhuhu a wɔyɛ wɔ me ho daa nyinaa no.