7 “Nea Yehowa, Israel Nyankopɔn no aka ni, ‘Monkɔka nkyerɛ Yuda hene a ɔsomaa mo bebisaa asɛm wɔ me hɔ no sɛ: “Hwɛ! Farao asraafo a wɔreba abɛboa mo no, wɔbɛsan akɔ Egypt, wɔn asaase no so.+ 8 Na Kaldeafo no bɛsan aba, na wɔne kurow yi bɛko, na wɔbɛfa, na wɔde ogya ahyew.”+