-
Dwom 15:5Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
Onipa a ɔte saa no renhinhim da biara da.+
-
-
Luka 6:34, 35Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
34 Afei nso, sɛ mode bosea* rema nkurɔfo, na mode ma wɔn a mohwɛ a wɔbɛsan atua ama mo a, mfaso bɛn na mubenya?+ Abɔnefo mpo ma abɔnefo bosea sɛnea ɛbɛyɛ a wɔn nsa bɛka wɔn sika bio. 35 Mmom no, monkɔ so nnɔ mo atamfo, na monyɛ papa. Na sɛ mode bosea rema nkurɔfo a, mommfa mo ani nnto so sɛ mo nsa bɛsan aka.+ Moyɛ saa a, mo akatua bɛyɛ kɛse, na mobɛyɛ Ɔsorosoroni no mma, efisɛ ɔda ayamye adi kyerɛ bonniayɛfo ne abɔnefo.+
-