3 Ɛnsɛ sɛ musuasua Egyptfo a na mote wɔn asaase so no, na Kaananfo a mede mo rekɔ wɔn asaase so no nso, ɛnsɛ sɛ musuasua wɔn+ anaa mudi wɔn amanne akyi.
16 (Mo ankasa munim sɛ yɛtenaa Egypt asaase so na yetwaam faa aman foforo so wɔ yɛn akwantu yi mu.+17 Muhuu akyiwade a wɔyɛ ne wɔn abosom fĩ*+ a wɔde nnua ne abo ne dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ayɛ a ɛwɔ wɔn mu no.)
14 “Enti afei munsuro Yehowa, na momfa abrabɔ a edi mu* ne nokwaredi nsom no.+ Na munyiyi anyame a mo agyanom som wɔn wɔ Asubɔnten no* agya ne Egypt no ngu,+ na monsom Yehowa.