-
Yesaia 13:11Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
Mɛma ahantanfo agyae
wɔn dwae,
Na mabrɛ atirimɔdenfo ahomaso ase.+
-
-
Yeremia 50:1, 2Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
50 Asɛm a Yehowa nam odiyifo Yeremia so ka faa Babilon ho+ ne nea ɔka faa Kaldeafo asaase ho ni:
2 “Monka wɔ amanaman no mu, na mommɔ no dawuru.
Momma ahyɛnsode* so na mommɔ no dawuru.
Mommfa hwee nnsie!
Monka sɛ, ‘Wɔadi Babilon so nkonim.+
Wɔagu Bel anim ase.+
Ehu aka Merodak.
Wɔagu n’ahoni anim ase.
Ehu aka n’abosom fĩ* no.’
-