Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Esra 1:1, 2
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 1 Persia hene Kores+ afe a edi kan mu no, sɛnea ɛbɛyɛ a Yehowa asɛm a ɔnam Yeremia so kae no+ bɛba mu nti, Yehowa kanyan Persia hene Kores* ma ɔbɔɔ dawuru wɔ n’ahenni nyinaa mu, na ɔsan kyerɛwee+ sɛ:

      2 “Sɛnea Persia hene Kores se ni, ‘Yehowa, ɔsoro Nyankopɔn no, de asaase so ahenni nyinaa ama me,+ na waka akyerɛ me sɛ minsi ofi mma no wɔ Yerusalem+ a ɛwɔ Yuda.

  • Yesaia 21:2
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  2 Wɔayi anisoadehu bi a ɛyɛ hu akyerɛ me:

      Okontomponi redi nkontomposɛm,

      Na ɔsɛefo resɛe ade.

      O Elam, foro kɔ! O Media,+ kotwa ho hyia!

      Mɛma apinisi a ɔde aba nyinaa to atwa.+

  • Yesaia 45:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 45 Sɛɛ na Yehowa aka akyerɛ Kores, nea wasra no no,+

      Nea maso ne nsa nifa mu+

      Sɛ mɛbrɛ aman ase n’anim+

      Na magye ahemfo akode,*

      Na mabue apon a ɛbɔ ho abien wɔ n’anim,

      Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔrento kurow apon no mu no:

  • Yeremia 50:9
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  9 Hwɛ, merema aman akɛse aba Babilon so,

      Aman bebree a wofi atifi fam asaase so.+

      Wɔbɛhyehyɛ wɔn ho aba na wɔne no abɛko,*

      Na ɛhɔ na wobefi adi no so nkonim.

      Wɔn agyan te sɛ ɔsabarima de,

      Na ekunkum nkurɔfo mma;+

      Wɔnsan wɔn akyi, gye sɛ wɔawie wɔn adwuma.

  • Daniel 6:28
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 28 Na esii Daniel yi yiye wɔ Dario ahenni mu+ ne Persiani Kores ahenni mu.+

  • Daniel 9:1
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 9 Mediani Ahasweros ba Dario a wɔde no sii Kaldeafo ahenni so hene no, n’afe a edi kan+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena