17 Na nokware Nyankopɔn no maa mmabun* baanan yi nyaa nkyerɛwee* ne nyansa nyinaa mu nimdeɛ ne nhumu; na ɔmaa Daniel nyaa anisoadehu ne adae nyinaa mu ntease.+
20 Asɛm a ehia nyansa ne nhumu biara a ɔhene bisaa wɔn no, ohui sɛ wɔn nyansa ne wɔn nhumu boro akɔmfo ne nkonyaayifo+ a wɔwɔ n’ahenni nyinaa mu no nyinaa de so mpɛn du.
12 Daniel a ɔhene too no din Beltesasar no,+ na onim ade paa, na na ɔwɔ nimdeɛ ne nhumu a wɔde kyerɛ dae ne akasabebu* ase, nimdeɛ ne nhumu a wɔde kyerɛkyerɛ nsɛm a emu yɛ den mu.*+ Enti ma wɔnkɔfrɛ Daniel mmra, na ɔbɛkyerɛ ase akyerɛ wo.”