25 Ɛnna Ariok yɛɛ ntɛm de Daniel kɔɔ ɔhene anim, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yudafo a wɔatu wɔn ase aba ha no,+ mahu ɔbarima bi wɔ wɔn mu a obetumi akyerɛ ɔhene dae no ase.”
13 Ɛnna wɔde Daniel baa ɔhene anim. Na ɔhene bisaa Daniel sɛ: “Wone Daniel anaa? Woka nkurɔfo a me papa ɔhene atu wɔn ase afi Yuda de wɔn aba ha no ho?+