Dwom 78:57, 58 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 57 Afei nso, wɔtwee wɔn ho fii ne ho, na wotwaa no nkontompo te sɛ wɔn agyanom;+ Wɔbɛyɛɛ sɛ agyan a emu agow a wontumi mfa nyɛ hwee.+ 58 Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea* no hyɛɛ no abufuw,+Na wɔde wɔn ahoni a wɔasen no huruu ne bo.+ Yeremia 3:6 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 6 Ɔhene Yosia+ bere so no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “‘Israel a onni nokware no, woahu nea wayɛ? Waforo kɔ bepɔw biara a ɛkorɔn so, na wakɔ dua kusuu biara ase akosi tuutuu.+
57 Afei nso, wɔtwee wɔn ho fii ne ho, na wotwaa no nkontompo te sɛ wɔn agyanom;+ Wɔbɛyɛɛ sɛ agyan a emu agow a wontumi mfa nyɛ hwee.+ 58 Wɔde wɔn sorɔnsorɔmmea* no hyɛɛ no abufuw,+Na wɔde wɔn ahoni a wɔasen no huruu ne bo.+
6 Ɔhene Yosia+ bere so no, Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “‘Israel a onni nokware no, woahu nea wayɛ? Waforo kɔ bepɔw biara a ɛkorɔn so, na wakɔ dua kusuu biara ase akosi tuutuu.+