Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yesaia 23:12
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 12 Na ɔka sɛ: “Sidon babea, ɔbaabun a wɔahyɛ wo so,

      Worenni ahurusi bio.+

      Sɔre, twa kɔ Kitim.+

      Ɛhɔ mpo wo ho rentɔ wo.”

  • Yeremia 47:4
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  4 Efisɛ ɛda a ɛreba no bɛsɛe Filistifo nyinaa;+

      Ebetwitwa Tiro+ ne Sidon+ aboafo a aka nyinaa.

      Na Yehowa bɛsɛe Filistifo no,

      Wɔn a wɔaka a wofi Kaftor*+ supɔw so no.

  • Hesekiel 25:15-17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 15 “Nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: ‘Esiane sɛ Filistifo tan wɔn daa nti, wɔpɛ sɛ wɔfa ɔkwammɔne so* tua wɔn so ka na wɔsɛe wɔn.+ 16 Ɛno nti, nea Awurade Tumfo Yehowa aka ni: “Mɛteɛ me nsa wɔ Filistifo so,+ na metwa Keretifo afi hɔ,+ na masɛe nnipa a aka a wɔtete mpoano no.+ 17 Na mede abufuw kɛse betua wɔn bɔne so ka de atwe wɔn aso, na sɛ mitua wɔn bɔne so ka a, wobehu sɛ mene Yehowa.”’”

  • Amos 1:9, 10
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    •  9 Nea Yehowa aka ni,

      ‘Tiro bɔne* a ɛto so abiɛsa+ ne nea ɛto so anan nti, nea maka no, merentwe nsan,

      Efisɛ wɔde nnipadɔm bi a wɔatu wɔn ase afi wɔn man mu kɔmaa Edom,

      Na wɔankae anuanom apam no.+

      10 Enti mede ogya bɛto Tiro fasu mu,

      Na ɛbɛhyew n’aban a ɛyɛ den no.’+

  • Sakaria 9:1, 2
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 9 Atemmusɛm:

      “Eyi yɛ Yehowa asɛm a etia Hadrak asaase,

      Na Damasko paa na ɛkɔ ma no,*+

      Efisɛ Yehowa ani wɔ nnipa so,+

      Na n’ani wɔ Israel mmusuakuw nyinaa so.

       2 Asɛm no tia Hamat+ a ɛne no* bɔ hye no nso,

      Na etia Tiro+ ne Sidon+ nso, efisɛ wonim nyansa paa.*+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena