4 O me nkurɔfo, muntie me;
Me man, monyɛ aso mma me.+
Na mmara befi me nkyɛn akɔ,+
Na mede m’atɛntrenee betim hɔ de ayɛ hann ama aman.+
5 Me trenee abɛn.+
Me nkwagye befi adi,+
Na me basa bebu aman atɛn.+
Nsupɔw de wɔn ani bɛto me so,+
Na wɔbɛtwɛn me basa.