-
Yosua 6:18, 19Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
18 Montwe mo ho mfi biribiara a ɛsɛ sɛ mosɛe no ho,+ na mo kɔn annɔ, na moamfa nneɛma a ɛsɛ sɛ mosɛe no no bi,+ na Israel asoɛe no ammɛyɛ biribi a ɛfata sɛ wɔsɛe no, na ankɔfa ɔhaw* biara amma so.+ 19 Dwetɛ ne sika kɔkɔɔ ne nneɛma a wɔde kɔbere ne dade ayɛ nyinaa de, ɛyɛ kronkron ma Yehowa.+ Ɛsɛ sɛ ne nyinaa kɔ Yehowa adekoradan mu.”+
-
-
Yesaia 23:17, 18Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
17 Na mfe 70 awiei no, Yehowa betwa n’ani ahwɛ Tiro, na ɔbɛsan anya n’akatua,* na ɔne wiase ahenni a ɛwowɔ asaase so baabiara bɛbɔ aguaman. 18 Nanso ne mfaso ne n’akatua* bɛyɛ ade kronkron ama Yehowa. Wɔrenkora so, na wɔremfa nsie, efisɛ wɔde n’akatua* bɛma wɔn a wɔte Yehowa anim, na wobedidi amee na wɔahyɛ ntaade a ɛyɛ fɛ.+
-