6 Ɛnna ɔhene ne ne mmarima kɔɔ Yerusalem sɛ wɔne Yebusifo+ a wɔtete asaase no so no rekɔko, nanso wɔka kyerɛɛ Dawid sɛ: “Worentumi mma ha da! Anifuraefo ne mpakye na wɔbɛpam wo.” Adwene a wonyae ne sɛ: ‘Dawid remma ha.’+7 Nanso, Dawid ko faa Sion abannennen a seesei wɔfrɛ hɔ Dawid Kurow no.+
20 Nnipa a wɔaka a wofi Amorifo, Hitifo, Perisifo, Hiwifo, ne Yebusifo+ mu a wɔnyɛ Israelfo no,+21 wɔn mma a wɔkaa asaase no so a Israelfo antumi ansɛe wɔn no, Solomon de wɔn yɛɛ nkoadwuma, na wɔayɛ nkoa de abesi nnɛ.+