-
Yesaia 61:2, 3Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
2 Wasoma me sɛ memmɛka Yehowa adom* afe
Ne ɛda a yɛn Nyankopɔn de betua bɔne so ka,+
Na menkyekye wɔn a wodi awerɛhow nyinaa werɛ.+
3 Wasoma me sɛ memmɛboa wɔn a wɔredi Sion ho awerɛhow no,
Na memma wɔn abotiri mfa nsi nsõ ananmu,
Na memma wɔn ahurusi ngo mfa nsi awerɛhow ananmu,
Ne ayeyi ataade mfa nsi abasamtu honhom ananmu.
-
-
Mateo 11:28Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
28 Mo a moabrɛ na wɔde nnesoa asoa mo nyinaa, mommra me nkyɛn, na mɛma mo ho adwo mo.
-