-
Luka 6:47-49Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
47 Obiara a ɔba me nkyɛn, na ɔte me nsɛm, na ɔde yɛ adwuma no, mɛkyerɛ mo nea ɔsɛ no:+ 48 Ɔte sɛ ɔbarima bi a ɔresi ɔdan, a otutuu fam kɔɔ akyiri na ɔtoo fapem wɔ ɔbotan so. Enti bere a nsu yirii no, ɛbɛbɔɔ ɔdan no nanso antumi anwosow no, efisɛ osii no yiye.+ 49 Nanso, nea ɔte me nsɛm na ɔmfa nyɛ adwuma no,+ ɔte sɛ ɔbarima bi a osii ɔdan sii asaase so a wanto fapem. Na nsu yiri bɛbɔɔ ɔdan no, na ebubui ntɛm ara, na ɔdan no sɛee koraa.”
-