Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Marko 2:15-17
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 15 Akyiri yi, na Yesu redidi* wɔ Lewi fi. Saa bere no, na wɔn a wogyigye tow ne nnebɔneyɛfo bebree ka Yesu ne n’asuafo no ho ne wɔn redidi,* efisɛ na wɔn mu bebree di n’akyi.+ 16 Na bere a akyerɛwfo a wɔyɛ Farisifo no hui sɛ ɔne nnebɔneyɛfo ne wɔn a wogyigye tow redidi no, wobisaa n’asuafo no sɛ: “Ɔne wɔn a wogyigye tow ne nnebɔneyɛfo na edidi?” 17 Bere a Yesu tee eyi no, ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wɔn a wɔn ho yɛ den no nhia ɔyaresafo; wɔn a wɔyare mmom na wohia. Mammɛfrɛ atreneefo, na mmom nnebɔneyɛfo.”+

  • Luka 5:29-32
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 29 Afei nso, Lewi tow pon kɛse bi wɔ ne fi maa no, na na wɔn a wogyigye tow no bebree ne nnipa foforo ka wɔn ho ne wɔn redidi.*+ 30 Enti Farisifo ne wɔn akyerɛwfo no fii ase nwiinwii kyerɛɛ n’asuafo no sɛ: “Adɛn nti na mo ne wɔn a wogyigye tow ne nnebɔneyɛfo didi na monom?”+ 31 Yesu buaa wɔn sɛ: “Wɔn a wɔte apɔw no nhia ɔyaresafo; wɔn a wɔyare mmom na wohia.+ 32 Mamma sɛ merebɛfrɛ atreneefo. Mmom mebae sɛ merebɛfrɛ nnebɔneyɛfo sɛ wɔnsakra wɔn adwene.”+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena