11 Na sɛ wɔde mo rekɔ akoyi mo ama a, munnnwinnwen nea mobɛka ho; na mmom nea wɔde bɛma mo saa bere no, ɛno ara na monka, efisɛ ɛnyɛ mo na mokasa, na mmom honhom kronkron.+
11 Na sɛ wɔde mo kɔ baguafo* ne aban mpanyimfo ne atumfo anim a, munnnwinnwen sɛnea mubeyi mo ano anaa nea mobɛka ho,+12 na saa bere no ara, honhom kronkron bɛkyerɛ mo nea ɛsɛ sɛ moka.”+
14 Enti, munsi pi wɔ mo koma mu sɛ morenni kan nnwinnwen nsɛm a mobɛka de ayi mo ano no ho,+15 na me na mɛma mo nsɛm ne nyansa a wɔn a wɔsɔre tia mo nyinaa rentumi nsiw ano anaa wɔmmɔ ngu.+