-
Marko 3:31-35Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
31 Afei ne maame ne ne nua mmarima+ bae, na wogyinaa abɔnten somaa obi sɛ ɔnkɔfrɛ no mmra.+ 32 Saa bere no, na nnipadɔm atwa ne ho ahyia, na wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Hwɛ! Wo maame ne wo nua mmarima gyina abɔnten rehwehwɛ wo.”+ 33 Na obisaa wɔn sɛ: “Henanom ne me maame ne me nua mmarima?” 34 Na ɔhwɛɛ wɔn a wɔtete ne nkyɛn no hyiae, na ɔkae sɛ: “Hwɛ, me maame ne me nua mmarima ni!+ 35 Obiara a ɔyɛ nea Onyankopɔn pɛ no, ɔno na ɔyɛ me nuabarima ne me nuabea ne me maame.”+
-