-
Marko 6:1-6Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
6 Na ofii hɔ baa ne kurom,+ na n’asuafo no dii n’akyi. 2 Bere a eduu Homeda no, ofii ase kyerɛkyerɛe wɔ hyiadan mu. Wɔn a na wɔretie no no mu dodow no ara ho dwiriw wɔn, na wɔkae sɛ: “Ɛhe na onipa yi suaa nneɛma yi fii?+ Adɛn nti na wɔama no nyansa a ɛte sɛɛ, na wɔnam ne nsa so reyɛ anwonwade saa?+ 3 Ɛnyɛ oyi ne kapenta no?+ Ɛnyɛ ɔno ne Maria ba+ a ne nuanom ne Yakobo+ ne Yosef ne Yuda ne Simon no?+ Na ɛnyɛ ne nua mmea na yɛne wɔn wɔ ha yi?” Enti ɔbɛyɛɛ hintidua maa wɔn. 4 Nanso Yesu ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Wodi odiyifo ni baabiara, gye ne kurom ne n’abusuafo mu ne ɔno ara ne fi.”+ 5 Enti wantumi anyɛ anwonwade biara wɔ hɔ. Nea ɔyɛe ara ne sɛ ɔde ne nsa guu ayarefo kakraa bi so saa wɔn yare. 6 Nokwarem no, ɛyɛɛ no nwonwa sɛ wonni gyidi. Na okyin nkuraa a ɛwowɔ hɔ no ase hyiae, na ɔkyerɛkyerɛɛ wɔn.+
-