21 Efi saa bere no rekɔ no, Yesu fii ase kyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ n’asuafo no sɛ, ɛsɛ sɛ ɔkɔ Yerusalem kohu amane pii wɔ mpanyimfo ne asɔfo mpanyin ne akyerɛwfo no nsam na wokum no, na da a ɛto so abiɛsa no wɔanyan no.+
24 Na Pilato kae sɛ wɔnyɛ nea wɔrehwehwɛ mma wɔn. 25 Enti ɔde ɔbarima a na nkurɔfo no pɛ sɛ ogyaa no no maa wɔn, ɔbarima a aban so atuatew ne awudi nti, na wɔde no ato afiase no. Na Yesu de, ɔde no maa wɔn sɛ wɔnkɔyɛ no nea wɔpɛ.