-
Marko 9:43-48Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
43 “Na sɛ wo nsa to wo hintidua a, twa fi hɔ. Eye ma wo sɛ wubedi dɛm de akɔ nkwa mu sen sɛ wowɔ nsa abien na wobɛkɔ Gehenna,* ogya a wontumi nnum no mu.+ 44 *—— 45 Na sɛ wo nan to wo hintidua a, twa fi hɔ. Eye ma wo sɛ wobɛyɛ apakye de akɔ nkwa mu sen sɛ wowɔ nan abien na wɔbɛtow wo ato Gehenna.*+ 46 *—— 47 Na sɛ w’aniwa to wo hintidua a, tow kyene.+ Eye sɛ wode aniwa baako bɛkɔ Onyankopɔn Ahenni mu sen sɛ wowɔ aniwa abien na wɔbɛtow wo ato Gehenna,*+ 48 faako a mmoawa nwu, na ogya no nnum no.+
-