33 Montɔn nneɛma a mowɔ na monyɛ adɔe.*+ Monyɛ sika nkotoku a ɛnsɛe, kyerɛ sɛ, agyapade a ɛnsa da wɔ soro,+ baabi a ɔkorɔmfo biara rentumi mmɛn hɔ na nwewemmoa biara nsɛe no.
22 Bere a Yesu tee nea ɔkae no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Aka wo ade baako: Tɔn nea wowɔ nyinaa, na kyekyɛ nea wubenya no ma ahiafo, na wubenya agyapade wɔ soro; na bra bedi m’akyi.”+