-
Marko 10:41-45Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
41 Bere a edu a aka no tee no, wɔn bo fuw Yakobo ne Yohane.+ 42 Ɛnna Yesu frɛɛ wɔn baa ne nkyɛn ka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Munim sɛ wɔn a wobu wɔn sɛ amanaman no ahemfo no di wɔn nkurɔfo so sɛ awuranom, na wɔn mu atitiriw no de wɔn tumi hyɛ wɔn so.+ 43 Nanso mo de, ɛnsɛ sɛ ɛba saa wɔ mo mu; mmom obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ kɛse wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo somfo,+ 44 na obiara a ɔpɛ sɛ odi kan wɔ mo mu no, ɔnyɛ mo nyinaa akoa. 45 Efisɛ onipa Ba no mpo amma sɛ wɔnsom no, na mmom ɔbɛsomee,+ na ɔde ne nkwa* ayɛ agyede de agye nnipa bebree.”+
-