Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mateo 9:27
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 27 Bere a Yesu fii hɔ a ɔrekɔ no, anifuraefo baanu+ dii n’akyi teɛteɛɛm sɛ: “Dawid Ba, hu yɛn mmɔbɔ.”

  • Marko 10:46-52
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 46 Na wɔbaa Yeriko. Na bere a ɔne n’asuafo no ne nnipadɔm bi refi Yeriko no, na Bartimeo (Timeo ba), onifuraefo a ɔsrɛsrɛ ade no te kwankyɛn.+ 47 Bere a ɔtee sɛ ɛyɛ Yesu, Nasaretni no, ofii ase teɛteɛɛm sɛ: “Yesu, Dawid Ba,+ hu me mmɔbɔ!”+ 48 Ɛnna nnipa pii fii ase teɛteɛɛ no sɛ ɔnyɛ dinn. Nanso afei koraa na ɔteɛteɛɛm kɛse sɛ: “Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!” 49 Enti Yesu gyinae, na ɔkae sɛ: “Momfrɛ no mma me.” Na wɔfrɛɛ onifuraefo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Ka wo koma to wo yam! Sɔre; ɔrefrɛ wo.” 50 Ɛnna ɔtow n’ataade gui, na ɔsɔre kɔɔ Yesu nkyɛn. 51 Na Yesu bisaa no sɛ: “Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?” Onifuraefo no ka kyerɛɛ no sɛ: “Rabuni,* ma minhu ade.” 52 Na Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Kɔ. Wo gyidi ama wo ho atɔ wo.”+ Na ntɛm ara ohuu ade,+ na ofii ase dii n’akyi wɔ kwan no so.

  • Luka 18:35-43
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 35 Na bere a Yesu rebɛn Yeriko no, na onifuraefo bi te kwankyɛn resrɛsrɛ ade.+ 36 Ɔtee sɛ nnipadɔm bi retwam, enti ofii ase bisaa nea ɛrekɔ so. 37 Wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Yesu, Nasaretni no na ɔretwam!” 38 Ɛnna ɔteɛɛm sɛ: “Yesu, Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!” 39 Na wɔn a wodi anim no teɛteɛɛ no sɛ ɔnyɛ komm, nanso afei koraa na ɔteɛteɛɛm kɛse sɛ: “Dawid Ba, hu me mmɔbɔ!” 40 Afei Yesu gyinae, na ɔkae sɛ wɔmfa ɔbarima no mmrɛ no. Bere a oduu Yesu nkyɛn no, Yesu bisaa no sɛ: 41 “Dɛn na wopɛ sɛ meyɛ ma wo?” Ɔkae sɛ: “Awurade, ma minhu ade.” 42 Enti Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Hu ade; wo gyidi ama wo ho atɔ wo.”+ 43 Ɛhɔ ara na ohuu ade, na ofii ase dii n’akyi,+ na ɔhyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. Afei nso, bere a nkurɔfo no nyinaa hui no, woyii Onyankopɔn ayɛ.+

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena