-
Yohane 18:25-27Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
25 Saa bere no, na Simon Petro gyina hɔ reto gya. Ɛnna wobisaa no sɛ: “Wo nso, sɛ́ woka n’asuafo no ho? Anaa?” Wannye antom, na ɔkae sɛ: “Daabi, menka ho.”+ 26 Ɛnna ɔsɔfo panyin no akoa baako, nea Petro twaa n’aso no busuani,+ kae sɛ: “Mihui sɛ woka ne ho wɔ turom hɔ, meboa?” 27 Nanso Petro kae bio sɛ ɛnte saa, na ɛhɔ ara na akokɔ bɔnee.+
-