-
Sakaria 11:12, 13Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
12 Ɛnna meka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Sɛ eye wɔ mo ani so a, momfa m’akatua mma me, na sɛ ɛnte saa a, munnyae.” Enti wɔde* m’akatua maa me; wɔmaa me nnwetɛbona 30.+
13 Na Yehowa ka kyerɛɛ me sɛ: “Tow gu sika akorae hɔ, efisɛ ɛno ne anuonyam bo a wɔatwa ato me so.”+ Enti mefaa nnwetɛbona 30 no, na metow guu Yehowa fi sika akorae hɔ.+
-