-
Luka 8:45-48Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
45 Enti Yesu bisae sɛ: “Hena na ɔde ne nsa kaa me?” Obiara kae sɛ ɛnyɛ ɔno a. Ɛnna Petro kae sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, nnipadɔm yi afum wo ho,* na wɔakyere wo so.”+ 46 Nanso Yesu kae sɛ: “Obi de ne nsa aka me; mahu sɛ tumi+ afi me mu kɔ.” 47 Bere a ɔbea no hui sɛ Yesu ahu no no, ɔde ahopopo bɛkotow n’anim. Na ɔkaa nea enti a ɔde ne nsa kaa no, ɛne sɛnea ne ho tɔɔ no amonom hɔ ara no wɔ nnipa no nyinaa anim. 48 Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Ɔbabea, wo gyidi ama wo ho atɔ wo. Fa asomdwoe kɔ.”+
-