-
Mateo 17:1-8Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
17 Nnansia akyi no, Yesu faa Petro ne Yakobo ne ne nua Yohane kaa ne ho, na ɔde wɔn kɔɔ bepɔw tenten bi so. Wɔn nko ara na na wɔwɔ hɔ.+ 2 Na ɔsakrae wɔ wɔn anim; n’anim hyerɛnee te sɛ owia, na n’ataade yɛɛ hyɛnn* te sɛ hann.+ 3 Na hwɛ! Mose ne Elia yii wɔn ho adi kyerɛɛ wɔn, na na wɔne Yesu rekasa. 4 Ɛnna Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Awurade, eye sɛ yɛwɔ ha. Sɛ wopɛ a, mesi ntamadan abiɛsa wɔ ha; wo de baako, Mose de baako, Elia nso de baako.” 5 Na bere a ogu so rekasa no, hwɛ! omununkum hyɛnhyɛn bi bɛkataa wɔn so, na hwɛ! ɛnne bi fi omununkum no mu bae sɛ: “Oyi ne me Ba, nea medɔ no a magye no atom.+ Muntie no.”+ 6 Bere a asuafo no tee no, wɔde wɔn anim butubutuw hɔ, na ehu kaa wɔn paa. 7 Ɛnna Yesu kɔɔ wɔn nkyɛn, na osusoo wɔn mu kae sɛ: “Monsɔre. Munnsuro.” 8 Bere a wɔmaa wɔn ani so no, wɔanhu obiara, gye Yesu nko ara.
-
-
Luka 9:28-36Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
28 Ampa ara, bere a ɔkaa saa nsɛm yi akyi bɛyɛ nnawɔtwe no, ɔfaa Petro ne Yohane ne Yakobo kaa ne ho, na ɔforo kɔɔ bepɔw so kɔbɔɔ mpae.+ 29 Bere a ogu so rebɔ mpae no, n’anim sesae, na n’ataade yɛɛ hyɛnn te sɛ hann. 30 Na hwɛ! ná mmarima baanu, Mose ne Elia, ne no rekasa. 31 Mmarima baanu no de anuonyam na ɛbae, na wofii ase kaa ne nkɔe ho asɛm, nea na ɔbɛma aba mu wɔ Yerusalem no.+ 32 Ná nna wɔ Petro ne wɔn a wɔka ne ho no ani so. Bere a wɔn ani so tetew wɔn no, wohuu Yesu anuonyam+ ne mmarima baanu a wɔne no gyina hɔ no. 33 Na bere a Mose ne Elia regyaw Yesu hɔ akɔ no, Petro ka kyerɛɛ Yesu sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, eye sɛ yɛwɔ ha. Enti ma yensi ntamadan abiɛsa, wo de baako, Mose de baako, Elia nso de baako.” Petro de, na onnim nea ɔreka. 34 Na bere a ɔreka eyinom no, omununkum bi bae, na efii ase kataa wɔn so. Bere a omununkum no kataa wɔn so no, wosuroe. 35 Na nne bi+ fi omununkum no mu bae sɛ: “Oyi ne me Ba, nea mapaw no no.+ Muntie no.”+ 36 Na bere a nne no bae no, wohui sɛ aka Yesu nko ara. Na wɔyɛɛ komm, na wɔanka nea wohui yi mu biara ankyerɛ obiara wɔ saa nna no mu.+
-