Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Mateo 9:3-8
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 3 Ɛnna akyerɛwfo bi keka kyerɛɛ wɔn ho sɛ: “Damfo yi reka abususɛm.” 4 Ná Yesu nim wɔn adwene, enti obisae sɛ: “Adɛn nti na moredwen bɔne mo koma mu?+ 5 Mohwɛ a, nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ́ wɔbɛka sɛ, ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo,’ anaasɛ wɔbɛka sɛ, ‘Sɔre na nantew’?+ 6 Nanso, nea ɛbɛyɛ na moahu sɛ onipa Ba no wɔ tumi wɔ asaase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti—” afei ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: “Sɔre, fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fi.”+ 7 Ɛnna ɔsɔree, na ɔkɔɔ ne fi. 8 Bere a nnipadɔm no huu eyi no, ehu kaa wɔn. Na wɔhyɛɛ Onyankopɔn a ɔde tumi a ɛte saa maa nnipa no anuonyam.

  • Luka 5:21-26
    Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
    • 21 Ɛnna akyerɛwfo ne Farisifo no fii ase kekae sɛ: “Hena ne saa onipa yi a ɔreka abususɛm yi? Obiara nni hɔ a obetumi de bɔne akyɛ, gye Onyankopɔn.”+ 22 Bere a Yesu huu wɔn adwene no, obisaa wɔn sɛ: “Dɛn na moresusuw ho wɔ mo koma mu yi? 23 Nea ɛwɔ he na ɛyɛ mmerɛw, sɛ́ wɔbɛka sɛ: ‘Wɔde wo bɔne akyɛ wo,’ anaasɛ wɔbɛka sɛ: ‘Sɔre na nantew’? 24 Nanso nea ɛbɛyɛ na moahu sɛ onipa Ba no wɔ tumi wɔ asaase so sɛ ɔde bɔne kyɛ nti—” ɔka kyerɛɛ obubuafo no sɛ: “Mise wo sɛ, sɔre, fa wo kɛtɛ, na kɔ wo fi.”+ 25 Ɛnna obubuafo no sɔre gyinaa wɔn anim, na ɔfaa nea na ɔda so no. Afei ɔkɔɔ ne fi, na ɔrekɔ nyinaa, na ɔrehyɛ Onyankopɔn anuonyam. 26 Na ɛyɛɛ wɔn nyinaa nwonwa, na wofii ase hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam. Ehu kaa wɔn ma wɔkae sɛ: “Ɛnnɛ de, yɛahu anwonwade!”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2027)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2026 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena