-
Mateo 27:27-31Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
27 Afei amrado no asraafo de Yesu kɔɔ amrado no fi hɔ, na wɔboaboaa asraafodɔm no nyinaa ano betwaa ne ho hyiae.+ 28 Na wɔworɔw n’ataade, na wɔde ntama kɔkɔɔ bi furaa no.*+ 29 Afei wɔde nsɔe nwenee ahenkyɛw de hyɛɛ ne ti, na wɔde demmire* hyɛɛ ne nsa nifa mu. Na wɔkotow n’anim dii ne ho agoru sɛ: “Asomdwoe nka wo, Yudafo Hene!”* 30 Na wɔtetew ntasu guu no so.+ Afei wogyee demmire* no, na wofii ase de hwehwee ne tirim. 31 Bere a wodii ne ho agoru wiei no, woyii ataade tenten no fii ne ho de n’ataade nguguso hyɛɛ no, na wɔde no kɔe sɛ wɔnkɔbɔ no asɛndua mu.+
-