-
Mateo 9:16, 17Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
16 Obiara nni hɔ a ɔde ntama foforo tare ataade dedaw mu; efisɛ ntama foforo no bɛtew afi ataade no mu, na ataade no bɛtew kɛse akyɛn kan no.+ 17 Saa ara nso na nkurɔfo mfa bobesa foforo ngu nsã kotoku dedaw mu. Sɛ wɔyɛ saa a, nsã kotoku no pae ma nsã no hwie gu, na nsã kotoku no sɛe. Mmom no, wɔde bobesa foforo gu nsã* kotoku foforo mu na abɔ abien no nyinaa ho ban.”
-
-
Luka 5:36-38Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase
-
-
36 Afei, ɔmaa wɔn mfatoho bi sɛ: “Obiara nni hɔ a obetwa ntama foforo de atare ataade dedaw mu. Sɛ ɔyɛ saa a, ataade foforo no bɛtew, na foforo no bɛyɛ soronko wɔ dedaw no ho.+ 37 Bio nso, obiara nni hɔ a ɔde bobesa foforo gu nsã kotoku dedaw mu. Sɛ ɔyɛ saa a, bobesa foforo no bɛpae nsã kotoku no ama bobesa no ahwie agu, na nsã kotoku no bɛsɛe. 38 Mmom ɛsɛ sɛ wɔde bobesa foforo gu nsã* kotoku foforo mu.
-