1 Timoteo 6:18 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 18 Ka kyerɛ wɔn sɛ wɔnyɛ papa, wɔnyɛ adefo wɔ nnwuma pa mu, wommue wɔn nsam,* wɔnkyɛ ade,+ Yakobo 2:15, 16 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 15 Sɛ onuabarima anaa onuabea bi nni ataade a ɔbɛhyɛ* ne aduan a ɛbɛso no da no mpo, 16 na sɛ mo mu bi ka kyerɛ no sɛ: “Fa asomdwoe kɔ, na wo ho nyɛ wo hyew na mee,” na moamma no nea nipadua no hia a, mfaso bɛn na ɛwɔ so?+ 1 Yohane 3:17 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 17 Sɛ obi wɔ wiase ahonyade, na ohu sɛ ahia ne nua, na wanhu no mmɔbɔ a, dɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ te ne mu?+
15 Sɛ onuabarima anaa onuabea bi nni ataade a ɔbɛhyɛ* ne aduan a ɛbɛso no da no mpo, 16 na sɛ mo mu bi ka kyerɛ no sɛ: “Fa asomdwoe kɔ, na wo ho nyɛ wo hyew na mee,” na moamma no nea nipadua no hia a, mfaso bɛn na ɛwɔ so?+
17 Sɛ obi wɔ wiase ahonyade, na ohu sɛ ahia ne nua, na wanhu no mmɔbɔ a, dɛn na ɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn dɔ te ne mu?+