Exodus 23:1 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 23 “Nkeka nkurɔfo ho nsɛm a ɛnyɛ nokware.+ Nkɔka ɔbɔnefo ho nkodi adanse a ɛnyɛ nokware.*+ Exodus 23:7 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 7 “Hwɛ na woammoa ntwatoso. Nkum nea ne ho nni asɛm ne ɔtreneeni, efisɛ meremma ɔbɔnefo nni bem.*+ Leviticus 19:11 Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase 11 “‘Mommmɔ korɔn,+ monnnaadaa obiara,+ na munntwa mo yɔnko nkontompo.